Grants:MSIG/About

From Meta, a Wikimedia project coordination wiki
This page is a translated version of the page Grants:MSIG/About and the translation is 88% complete.
Outdated translations are marked like this.

Movement Strategy Implementation Grants (MSIG) boa dwumadie ahodoɔ a ɛwɔ 'Movement Strategy Initiative' gyinapɛn no ma wɔn kɔ wɔn anim. Wɔnam saa kwan yi so di dwumadie a wɔaka ho asɛm no nyinaa ho dwuma bomu nkakrankakra,firi nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ ne dwumadie no nhyehyɛe kosi sɛ wobedi ho dwuma awie na w'apa ho ntoma. Dwumadie ahodoɔ a 'grants ' yi boa wɔn no betumi ayɛ kɛseɛ anaa ketewa nanso ɛwɔ sɛ dwumadie ahodoɔ no nyinaa kuta botae baako.

Emu Nsɛm

'Movement Strategy and Governance ' kuo no hwehwɛ sɛ wobehu nea enti a wohia 'grant' no ho nsɛm pii ka ho. Wobetumi akyerɛw ho asɛm aba animuanimu yi ara. Sɛ wowɔ asɛmbisa bi nso a, wobetumi abisa wɔ strategy2030(_AT_)wikimedia.org. Wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobɛte yɛn nka wɔ nnawɔtwe mmienu ntamu.

Wɔn a wɔfata: Ekuo ahodoɔ a ɛbata kuo kɛseɛ no ho ne wɔn a wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma wɔ kuo ahodoɔ no mu no betumi de wɔn tirimupɔ aba. Ebinom nso betumi aka wɔn ho abomu aba. Yebetu mo fo sɛ mobɛhwɛ nhwɛsoɔ ahodoɔ a yɛde ato hɔ no mu ansaana moahyɛ mo abisadeɛ no ase.Eligibility:

Sika Dodoɔ: Wobetumi abisa sika aduru $25,000 USD. Sɛ wohia sika a ɛboro yei a, wo ne 'Movement Strategy ' kuo no nni nkitaho ansaana woahyɛ w'abisadeɛ no ase.

Berɛ: Wɔnnhyɛɛ berɛ pɔtee biara nntoo ho.Wɔbɛhwɛ abisadeɛ ahodoɔ no mu wɔ da a ɛtɔ so dunnum(15) ne da a etwa toɔ wɔ bosome biara mu. Yei nti bɔ mmɔden wie w'abisadeɛ no ansaana y'akyɛ bosome no mu mmienu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ mu wɔ berɛ a wɔhwɛ abisadeɛ no mu wɔ saa bosome no mu.

Akwan bɛn so na wobetumi afa so ayɛ?

Yeinom ne diɛ wobetumi ahwɛ kwan wɔ berɛ a worehyehyɛ abisadeɛ krataa no:

  1. Hyehyɛ abisadeɛ krataa no
  2. Ma afoforɔ nhu wo 'grant' no ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ekuo no mufo bɛgye atomu na wɔakyerɛ wɔn adwene wɔ ho.
  3. Kyerɛw 'email' ma strategy2030(_AT_)wikimedia.org a nsɛm a edidi soɔ yi womu:
    1. Nnipa a odi abisadeɛ no anim din nyinaa
    2. 'Link' a ɛkɔ baabi a w'abisadeɛ no wɔ wɔ 'Meta'
    3. 'Link' a ɛkɔ 'Movement Strategy initiative' a w'abisadeɛ no gyina so.
    4. Sika dodoɔ a worebisa wɔ USD mu
  4. Wɔbɛhwɛ w'abisadeɛ no mu wɔ nnawɔtwe mmienu ntamu.
  5. Sɛ ɛho behia a, wɔde nsɛmmisa a ɛfa w'abisadeɛ no ho bɛto baabi a wodi w'abisadeɛ no ho nkɔmmɔ no (yei nti bɔ mmɔden fa ka wo 'watchlist' no ho)
  6. Ɛwɔ sɛ woyi nsɛm a wobebisa no ano wɔ nna a wɔde yɛ edwuma nnum(5) ntamu.
  7. Wɔbɛhwɛ w'abisadeɛ no mu deɛ etwa toɔ.
  8. Wobenya 'email' a ɛbɛma woahu gyinae a wɔasi wɔ w'abisadeɛ no ho.

Nsɛm a ɛwɔsɛ wo de to w'adwene mu

  • Hwɛ sɛ wo bɛ kenkan nsɛmfua ahodoɔ afei na aba ne nkɔmɔdie a ɛrekɔ so a ɛfa dwumadie a wopɛ sɛ woboa no
  • Hwɛ sɛ wobɛ yɛ ntotoeɛ a ɛmu da hɔ. ɛbɛ tumi aba sɛ ɛmu nna hɔ ma afoforɔ. Kyekyɛ wo nkyerɛkyerɛmu no ma afoforɔ na bisa wɔn mmuaɛ. Make your plan as clear as possible. It might not be clear to others. Share details and ask others for feedback. Ma wonsɛm no mu nna hɔ na nsisi so, na afei yiyi nsɛm biara a ɛho nhia firi mu.
  • ɛne akuoakuo ahodoɔ no ni nsawɔsoɔ. Sɛ yɛɛ kenkan wabisadeɛ no mu a atuhoakyɛ kuo ne wɔn a mode mo ho abata wɔn ho no nso wɔn agyinasie fa w'abisadeɛ no ho no nso yɛde bɛdi dwuma.

Dwumadie a yɛnfa ho ka

  • Dwumadie a nkyerɛ mpumtuo wɔ "Movement Strategy Initiative" no mu (ɛmfa ho ne nipa dodoɔ a ɛbɛgye ato muɔ)
  • Dwumadie a mfa nkyerɛkyerɛmu Papa biara mma nnoɔma ahodoɔ a ɛbɛboa dwumadie no botaeɛ

Nsɛm a ɛwɔ akyire Background

"Movement Strategy implementation" retu mpɔn no, Wikimedia Foundation no nso gyimu de ahofama a emu ɛden ma "strategic direction" a ɛboa yɛdaakye anamɔntuo.

Nnuru 20ɛ0 no. Wikimedia ɛbyɛ biaeɛ a ɛho hiaa a wobɛ nya nimdeɛ afiri hɔ kwa, na obibiara nso a ɔfoa y'anisoadihunu no nso bɛtumi abɛka yɛn ho.

Yɛde mfie dodoɔ na ahyehyɛ "Movement Strategy dwumadie no, Yɛwɔ nsɛmfua du(10) a y'ahyehyɛ de ama mo on, y'ayɛ nhyehyɛeɛ aduanan num(45), ɛne "prioritized clusters" nnwɔthe(8). Wei hia ntotoeɛ a ɛbɛboa ama yɛde dwumadie no agu akanmu. "Movement Strategy Implementation Grants" de moa wo hia na wode wo nhyehyɛeɛ ne wo dwumadie no adi dwuma no ma wo.

Abɛfo ntentan so nkitahodie a ɛfa "grants" ho no, egyina mu firii Oforisuo(April) de kɔ sii Kutawonsa wɔ 2021 mu. Abɛfo ntentan so nokɔmɔdie no boa maa "short-term plans" no tuu mpɔn. Aseda nkɔma obibiara a ɔde ne ho hyɛɛ mu ne obibiara ɔkyerɛɛ n'adwene fa Kwan a yɛbɛ fa so ama n'atu mpɔn. Suadeɛ a ɛfa nkitahodie a akɔ so no aboa ama "Movement Strategy Grants Approach (2021- 22) no agyina yie.